Ester
10 Na Ɔhene Ahasweros twaa adwuma+ too asase no ne nsupɔw+ no so.
2 Na n’adwumaden ne ne tumi ne Mordekai+ kɛseyɛ ne anuonyam+ a ɔhene hyɛɛ no nyinaa wɔakyerɛw wɔ Media ne Persia+ ahene no bere so nsɛm nhoma+ no mu. 3 Na Yudani Mordekai bɛyɛɛ Ɔhene Ahasweros abadiakyiri+ ne onipa kɛse wɔ Yudafo mu, na ne nuanom nnipadɔm pɛɛ n’asɛm, efisɛ na ɔhwehwɛ ne manfo yiyedi, na ɔkaa asomdwoesɛm+ kyerɛɛ wɔn mma nyinaa.