21 Ɛnna Hiob buae sɛ:
2 “Monyɛ aso ntie m’asɛm yi yiye,
Na momma eyi nkyekye mo werɛ.
3 Montɔ mo bo ase mma me na merebɛkasa;
Na sɛ mekasa wie a, mo mu biara betumi adi fɛw.+
4 Me de, onipa na meka me haw kyerɛ no anaa?
Sɛ saa a, anka me honhom ho rempere no anaa?
5 Monnan mo ani nhwɛ me, momfa ahodwiriw nhwɛ me,
Na momfa mo nsa nto mo ano.+
6 Sɛ mekae eyi a, ɛhaw me,
Na me ho popo nso.
7 Dɛn nti koraa na abɔnefo kɔ so tena ase,+
Wonyin kyɛ, na wonya wɔn ho kɛse?+
8 Wɔn mma ase tim wɔ wɔn ani so,
Na wɔn asefo ase tim wɔ wɔn anim.
9 Wɔn afie mu, asomdwoe nkutoo, na akomatu biara nni hɔ;+
Onyankopɔn abaa nso nni wɔn so.
10 Wɔn anantwinini wo, wɔn ho nsu nsɛe kwa;
Wɔn anantwibere wo,+ na wɔmpɔn.
11 Wɔma wɔn mma fi adi sɛ nguankuw,
Na wɔn mma huruhuruw.
12 Wɔde mpintin ne asanku bɔ dwom,+
Na abɛn nnyigyei ma wodi ahurusi.
13 Wogye wɔn ani wɔn nkwa nna mu;+
Afei nso wosian kɔ Adamoa mu afrɛ so.
14 Wɔka kyerɛ nokware Nyankopɔn no sɛ, ‘Fi yɛn nkyɛn kɔ!+
Na yenni anigye biara wɔ w’akwan ho nimdeɛ mu.+
15 Ade nyinaa so Tumfoɔ no yɛ hena a ɛsɛ sɛ yɛsom no,+
Na sɛ yɛne no di nkitaho a, dɛn na yenya fi mu?’+
16 Hwɛ! Wɔn yiyeyɛ nni wɔn nsam.+
Me ne nnebɔneyɛfo agyinatu ntam kwan ware.+
17 Mpɛn ahe na nnebɔneyɛfo kanea dum,+
Na mpɛn ahe na amanehunu to wɔn?
Mpɛn ahe na ɔde n’abufuw ba wɔn so bɛsɛe wɔn?+
18 Wɔte sɛ sare wɔ mframa ano anaa?+
Anaasɛ wɔte sɛ ntɛtɛwa a osuframa huw kɔ?
19 Amanehunu na Onyankopɔn bɛkora so ama ɔdebɔneyɛfo mma;+
Obetua no so ka ma wahu.+
20 N’aniwa behu ne sɛe,
Na ɔbɛnom ade nyinaa so Tumfoɔ no abufuw.+
21 Dɛn na ɛbɛyɛ no anigye wɔ ne fie, ne kɔ akyi,
Bere a wɔatwa n’asram so no?+
22 Obetumi akyerɛkyerɛ Onyankopɔn,+
Bere a Ɔno na obu atitiriw atɛn no?+
23 Oyi na obewu wɔ ne yiyedi kɛse mu,+
Bere a n’asom adwo no koraa na ɔte hɔ dwoodwoo no;
24 Bere a n’asrɛ adɔ srade,
Na ne nnompe mu hon ayɛ sɔkyee no.
25 Na obi nso de, owu wɔ ne kra awerɛhow mu
Bere a onnii nneɛma pa.+
26 Wɔn nyinaa, dɔte mu na wɔbɛkɔ akɔda,+
Na mmoawa na ɛbɛkata wɔn so.+
27 Hwɛ! Minim mo adwene nyinaa
Ne adwemmɔne a moanya wɔ me ho no.+
28 Efisɛ mubisa sɛ, ‘Otitiriw fie wɔ he,
Na nnebɔneyɛfo ntamadan, wɔn tenabea no wɔ he?’+
29 Mummisaa wɔn a wɔkɔ kwan so no anaa?
Na wɔn nsɛnkyerɛnne nso, monhwɛɛ no yiye?
30 Munhui sɛ ɔbɔnefo fa ne ho di amanehunu da?+
Na wogye no abufuw da?
31 Hena na ɔbɛka ne kwan ho asɛm asi n’anim?+
Na nea wayɛ no, hena na obetua no so ka?+
32 Ɔno de, ɔdamoa mu na wɔde no bɛkɔ,+
Na wobesi pɛ wɔ ne da so.
33 Subon dɔtetɔw mu bɛyɛ no dɛ,+
Na ɔbɛtwe adesamma nyinaa adi n’akyi,+
Na wɔn a wodii n’anim no dodow nni ano.
34 Hwɛ sɛnea mo awerɛkyekye no yɛ adehunu+
Na mo nsɛm no yɛ nkontompo nko ara!”