27 Ɛnna Hiob san toaa n’akasabebu+ no so sɛ:
2 “Sɛ́ Onyankopɔn a wagye me bemdi afi me nsam+ no te ase,+
Na ade nyinaa so Tumfoɔ a ɔne me kra adi no nwenenwene+ no te ase yi,
3 Bere dodow a m’ahome da so wɔ me mu,
Na Onyankopɔn honhom wɔ me hwene mu yi,+
4 M’ano renka amumɔyɛsɛm biara,
Na me tɛkrɛma nso renka nnaadaasɛm biara!
5 Ɛmpare me sɛ mebu mo bem!+
Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me mũdi mu da!+
6 Mikura me trenee mu denneennen, na merennyaa mu;+
Me koma rensopa me, me nkwa nna bi ho.+
7 Ma me tamfo nyɛ ɔdebɔneyɛfo,+ akwan nyinaa mu,
Na nea ɔsɔre tia me no nyɛ omumɔyɛfo.
8 Ɔwaefo, sɛ Onyankopɔn twa no fi hɔ a, n’anidaso ne dɛn,+
Sɛ ogye ne kra fi ne nsam a, n’anidaso ne dɛn?+
9 Sɛ ahohia ba no so a,
Onyankopɔn betie ne sufrɛ?+
10 Anaasɛ obenya anigye wɔ ade nyinaa so Tumfoɔ no ho?
So ɔbɛfrɛ Onyankopɔn bere nyinaa?
11 Menam Onyankopɔn nsa so bɛkyerɛkyerɛ mo;
Meremfa ade nyinaa so Tumfoɔ no akwan nsie.+
12 Hwɛ! Mo na moanya anisoadehu;
Ɛnde dɛn nti na mudi ahuhusɛm yi?+
13 Eyi ne ɔdebɔneyɛfo kyɛfa a efi Onyankopɔn hɔ;+
Na atirimɔdenfo nsa bɛka wɔn agyapade afi ade nyinaa so Tumfoɔ no hɔ.
14 Sɛ ne mma dɔɔso mpo a, wɔwɔ hɔ ma nkrante;+
Na n’asefo rennya aduan a ɛbɛso wɔn.
15 Ne ho nnipa a wɔbɛka no, owuyare mu na wobesie wɔn,
Na wɔn akunafo rensu.+
16 Sɛ ɔboaboa dwetɛ ano sɛ mfutuma,
Na osiesie n’atade sɛ dɔte mpo a,
17 Obesiesie de, nanso ɔtreneeni na ɔbɛhyɛ,+
Na dwetɛ no, nea ne ho nni asɛm na obedi.
18 Wasi ne fie sɛ abubummabaa,
Na ɛte sɛ ɔsese+ a ɔwɛmfo abɔ.
19 Ɔrekɔda no na ɔyɛ ɔdefo, nanso ɔremmoaboa hwee ano;
Obue n’aniwa, nanso hwee nni hɔ.+
20 Mpofirim ahude bɛfa no sɛ nsu;+
Ahum bewia no akɔ anadwo.
21 Apuei mframa bɛsoa no akɔ,+ na obefi hɔ;
Ebetutu n’ase afi ne tenabea.+
22 Ɛbɛbɔ aba no so, na ɛrenhu no mmɔbɔ;+
Na guan ara na obeguan afi n’ahoɔden ho.+
23 Obi bɛbɔ ne nsam agu no so+
Na wabɔ hwirema+ agu no so wɔ ne tenabea hɔ.