35 Elihu toaa ne nsɛm no so sɛ:
2 “Eyi na wubu no trenee no?
Woka sɛ, ‘Meteɛ sen Onyankopɔn.’+
3 Ampa ara woka sɛ, ‘Mfaso bɛn na wunya?+
Mfaso bɛn na ɛwɔ so sen sɛ anka mɛyɛ bɔne?’+
4 Mɛma wo mmuae,
Wo ne wo nnamfo+ a wɔka wo ho no.
5 Ma w’ani so hwɛ ɔsoro,+
Hwɛ omununkum+ sɛ ɛkorɔn sen wo koraa.
6 Sɛ woyɛ bɔne a, dɛn na woyɛ tia no?+
Na sɛ w’atuatew dɔɔso a, dɛn na ɛyɛ no?
7 Sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, dɛn na ɛde ma no,
Na dɛn na onya fi wo nsam?+
8 Onipa te sɛ wo na w’amumɔyɛ betumi atia no,+
Na sɛ woyɛ adetrenee a, onipa desani mmom na woyɛ ma no.+
9 Nhyɛso bebrebe nti wɔteɛm hwehwɛ mmoa;+
Nnipa akɛse basa nti wosu hwehwɛ mmoa.+
10 Nanso wɔn mu biara nka sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Bɔfo Kɛse no wɔ,+
Nea ɔma wɔto nnwom anadwo no?’+
11 Ɔno na ɔkyerɛkyerɛ+ yɛn sen asase so mmoa,+
Na ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa.
12 Wɔteɛm, nanso ommua,+
Nnebɔneyɛfo ahantan nti.+
13 Efisɛ nkontompo de, Onyankopɔn ntie,+
Na ade nyinaa so Tumfoɔ no nhwɛ.+
14 Na sɛ woka sɛ wunhu no a, ɛnde obebu wo dɛn!+
Asɛm no da n’anim, enti twɛn no ara.+
15 Ɔmmɛtwee asõ n’abufuw mu,+
Enti ɔmfaa n’adwene nkɔɔ kasa hunu no so.+
16 Hiob bue n’ano kwa;
Ɔkeka nsɛm pii kɛkɛ a nimdeɛ nnim.”+