Hiob
3 Anka ɔbɛkotow asrɛ wo pii?
Anaasɛ ɔne wo bɛkasa bɔkɔɔ?
4 Ɔne wo bɛyɛ apam
Sɛ fa no yɛ akoa afebɔɔ?
5 Wo ne no bedi agoru sɛ anomaa?
Anaasɛ wobɛmantam no de agyigye wo mmabea ani?
6 Abatafo de no bedi nsesagua?
Aguadifo besi no kosow?
8 Fa wo nsa to no so hwɛ.
Kae ntɔkwaw no. Anka worenyɛ saa bio.
9 Hwɛ! Ne ho anidaso bɛma onipa nsa asi fam.
Onipa ani bɔ ne so kɛkɛ a, obetwa ahwe.
12 Merennyae ne honam
Ne ne kɛseyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ ho asɛm ka,
13 Hena na obetumi aworɔw ne ho?
N’anom nso, hena na obewura mu?
14 N’anom apon, hena na obetumi abue?
Ne sẽ a ayɛ n’anom ma no yɛ hu.
15 Abona a ɛwɔ ne ho ma ɔyɛ ahantan,
Akeka amiamia so te sɛ ade a wɔasɔ ano denneennen.
16 Ɛfomfam so papee,
Na mframa mpo mfa mu.
17 Ɛtetare so denneennen;
Edi nsusom, na emu ntumi ntetew.
18 Ne nwansi pa gya,
Na n’aniwa te sɛ adekyee hann.
19 N’anom pa yerɛwyerɛw,
Na ɛtete gya mpo.
20 Wusiw fi ne hwene mu ba
Te sɛ fononoo a wɔde sakran asɔ mu gya.
21 N’ahome sɔ nsramma,
Na ogya mpo fi n’anom ba.
22 Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ,
Na akomatu huruw wɔ n’anim.
23 Ne honam abubu agu so;
Ayɛ te sɛ dade a wɔagu, na etim hɔ pintinn.
24 Ne koma te sɛ ɔbo a wɔatwa.
Ɛte sɛ owiyammo a wɔatwa.
31 Ɔma ebun mu huru sɛ kuku;
Ɔma ɛpo yɛ sɛ sradehuam kuku.
32 Ɔma ɔkwan hyerɛn wɔ n’akyi;
Ɔma onipa hu subun sɛ dwen.
33 Asase so nso, biribi nte sɛ ɔno;
Ɔno na wɔyɛɛ no sɛ onnsuro hwee.
34 Ade wɔ soro sɛ dɛn koraa a, ohu.
Ɔne wuram mmoa akɛse nyinaa hene.”