8 Ɛnna Bildad a ofi Suha+ no kae sɛ:
2 “Wobɛkeka nsɛm yi akosi da bɛn,+
Bere a w’anom nsɛm nyɛ hwee sɛ mframa+ a ano yɛ den yi?
3 So Onyankopɔn bɛkyea atemmu,+
Na ade nyinaa so Tumfoɔ bɛkyea atɛntrenee?+
4 Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a,
Wɔn atuatew so aba na wama wɔatwa.
5 Sɛ w’ankasa wobɛhwehwɛ Onyankopɔn,+
Na woahwehwɛ ade nyinaa so Tumfoɔ anim dom a,
6 Sɛ woyɛ obi a ne ho tew na ɔteɛ+ a,
Anka sesɛɛ wasɔre agyina ama wo,
Na wasan ama woanya wo trenee tenabea.
7 Anka wo mfiase bɛyɛ ade ketewa de,
Nanso w’awiei bɛyɛ kokuroo.+
8 Wo de, bisa awo ntoatoaso a abɛsen kɔ no,+
Na pɛɛpɛɛ nea wɔn papanom hwehwɛ hui no mu.+
9 Yɛn de, nnɛra yi ara na yɛbae,+ na yennim hwee,
Efisɛ yɛn nna wɔ asase yi so yɛ sunsuma.+
10 So ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛkyerɛ wo, na wɔaka akyerɛ wo?
Na wɔrenyiyi nsɛm mfi wɔn komam anaa?
11 Mmɛw+ betumi anyin yiye nea ɔwora nni?
Demmire betumi ayɛ kɛse baabi a nsu nni?
12 Bere a ennya nguu nhwiren na wonnya ntwae no,
Ɛwo gyaw sare a aka nyinaa.+
13 Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no nyinaa akwan te,+
Na ɔwaefo de, n’anidaso bɛyera;+
14 Wotwa n’ahotoso fi hɔ,
Na n’awerɛhyem yɛ ananse ntontan.+
15 Obetweri ne dan, nanso ɛrennyina;
Obeso mu, nanso ɛrenni gyina.
16 Nsu ayɛ no mã wɔ owia mu,
Na ne mmaa atrɛtrɛw wɔ ne turo mu.+
17 Ne ntini wurawura abokuw mu,
N’aniwa hu abo dan.
18 Sɛ wɔmene no fi ne tenabea+ a,
Ɛbɛpo no, na aka akyerɛ no sɛ, ‘Minhuu wo da.’+
19 Hwɛ! Saa na ne kwan bɛsɛe;+
Na mfutuma mu na afoforo befifi.
20 Hwɛ! Onyankopɔn rempo obiara a ne ho nni asɛm,
Na adebɔneyɛfo nso, ɔrenso wɔn nsa;
21 Ɔde ɔserew bɛhyɛ w’anom ma,
Na wama w’ano abɔ ose.
22 Aniwu na wɔde befura wɔn a wɔtan wo,+
Na nnebɔneyɛfo ntamadan befi hɔ.”