Dwom. Dawid ayeyi dwom.
108 Me koma atim, O Onyankopɔn.+
Mɛto ayeyi dwom,+
M’anuonyam nso bɛto bi.+
2 Sanku, nyan ɛ; sankuten, wo nso nyan.+
Na menyan anɔpahema.+
3 O Yehowa, mɛkamfo wo amanaman mu;+
Mɛto ayeyi dwom ama wo, aman nyinaa mu.+
4 Efisɛ w’adɔe sõ kodu ɔsoro,+
Na wo nokware kodu omununkum mu.+
5 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro;+
Na ma w’anuonyam ntra asase nyinaa.+
6 Nea ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo no,+
Yɛsrɛ wo, fa wo nsa nifa gye yɛn, na tie me.+
7 Onyankopɔn ankasa akasa ne kronkronyɛ mu+ sɛ:
“Medi ahurusi, mede Sekem+ bɛma wɔn sɛ wɔn kyɛfa;+
Na mesusuw Sukot+ asasetaw ama wɔn.
8 Gilead+ yɛ me dea; Manase+ yɛ me dea,
Na Efraim yɛ me otitiriw abankɛse;+
Yuda yɛ m’ahempoma.+
9 Moab+ yɛ me guasɛn.+
Edom+ na mɛtow me mpaboa ato.+
Filistia+ ho na mɛbɔ ose.”+
10 Hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔabɔ ho ban no mu?+
Hena koraa na obedi m’anim akodu Edom?+
11 Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woatow yɛn akyene,+
Na wo ne yɛn asafodɔm nkɔ bio sɛ yɛn Nyankopɔn?+
12 O gye yɛn fi ahohia mu,+
Efisɛ mfaso bi nni onipa desani nkwagye so.+
13 Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden,+
Na ɔno na obetiatia yɛn atamfo so.+