Nnwom Ɔsoro-foro Dwom. 120 Yehowa na mefrɛɛ no m’ahohia mu,+Na ogyee me so.+ 2 O Yehowa, gye me kra nkwa fi atorofo anom+Ne tɛkrɛma daadaafo+ ho. 3 O tɛkrɛma daadaafo,+Dɛn na wɔde bɛma wo, na dɛn na wɔde bɛka wo ho? 4 Ɔdɔmmarima agyan a ano hwirenhwiren+Ne sisia dua nsramma na wubenya.+ 5 Minnue sɛ mabɛyɛ ɔhɔho wɔ Mesek!+Kedar+ ntamadan mu na mete. 6 Wɔn a wokyi asomdwoe+ no,Me kra atena+ wɔn mu akyɛ dodo. 7 Me de, mepɛ asomdwoe;+ nanso sɛ mibue m’ano a,Ntɔkwaw na wɔde hyia me.+