146 Munyi Yah ayɛ!+
O me kra, yi Yehowa ayɛ.+
2 Meyi Yehowa ayɛ me nkwa nna nyinaa.+
Mete ase yi, mɛto dwom ama me Nyankopɔn.+
3 Mommfa mo ho nnto adehye+
Anaa onipa ba a nkwagye biara nni ne mu so.+
4 Ne honhom fi kɔ,+ na ɔsan kɔ ne dɔte mu;+
Da no ara, ne nsusuwii yera.+
5 Anigye ne onipa a Yakob Nyankopɔn yɛ ne boafo;+
Nea n’ani da Yehowa, ne Nyankopɔn so;+
6 Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,+
Ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,+
Ɔno na ɔkora nokware so afebɔɔ,+
7 Ɔno na obu atɛn ma wɔn a wosisi wɔn+
Na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.+
Yehowa na ɔsan wɔn a wɔakyekyere wɔn.+
8 Yehowa bue anifuraefo aniwa;+
Yehowa ma wɔn a wɔakotow so gyina hɔ;+
Yehowa dɔ treneefo.+
9 Yehowa na ɔwɛn ɔhɔho;+
Ɔno na odi boa agyanka ne okunafo,+
Na nnebɔneyɛfo kwan+ de, ɔkyea no.+
10 Yehowa bedi hene akosi daa,+
O Sion, wo Nyankopɔn bedi hene akosi awo ntoatoaso nyinaa so.+
Munyi Yah ayɛ!+