Nnwom Dawid dwom. 23 Yehowa ne me Hwɛfo.*+Hwee renhia me.+ 2 Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea.+Ɔde me kɔ homebea a nsu pii wɔ.+ 3 Odwudwo me kra.+Ɔde me fa ɔkwantrenee so, ne din nti.+ 4 Sɛ menam esum kabii bon mu+ mpo a,Minsuro bɔne biara,+Efisɛ woka me ho;+W’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.+ 5 Wotow me pon m’atamfo anim.+Wode ngo sra me tirim;+Me kuruwa yɛ ma bu so.+ 6 Papayɛ ne adɔe nko ara na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa;+Na mɛtena Yehowa fie nna pii.+