Ayeyi dwom. Dwom a wɔde hyiraa ɔdan+ no so. Dawid dwom.
30 O Yehowa, mɛkamfo wo efisɛ woayi me afi mu;+
Woamma m’atamfo anni me ho ahurusi.+
2 Misu mefrɛɛ wo, O Yehowa me Nyankopɔn, na wosaa me yare.+
3 O Yehowa, woagye me kra afi Adamoa mu;+
Woama matena nkwa mu, na mankɔ amoa mu.+
4 Yehowa anokwafo nyinaa, monto dwom mma no,+
Munyi ne din kronkron no ayɛ;+
5 Efisɛ n’abufuw nkyɛ+ onipa so,
Na n’adom de, ɛtena hɔ afebɔɔ.+
Anwummere, osũ ba,+ nanso anɔpa, ahurusidi ba.+
6 Me de, maka wɔ m’ahodwo mu+ sɛ:
“Merenhinhim ara da.”+
7 O Yehowa, w’adom mu na woama me bepɔw atim ahoɔden mu.+
Wode w’anim hintawee, na mehawee.+
8 O Yehowa, wo na mefrɛɛ wo+ daa;
Yehowa na mekotow srɛɛ no daa sɛ ɔnnom me.+
9 Sɛ mekɔ amoa mu+ a, mfaso bɛn na ɛwɔ me mogya so?
Mfutuma betumi akamfo wo anaa?+ Ebetumi aka wo nokware akyerɛ?+
10 Yehowa, tie me ɛ, na dom me.+
O Yehowa, boa me.+
11 Woama m’awerɛhow adan asaw;+
Woasan me ho atweaatam, na wode ahurusi abɔ me abɔso;+
12 Ɛno na m’anuonyam bɛto dwom ama wo, na ɛrenyɛ komm.+
O Yehowa me Nyankopɔn, mɛkamfo wo+ daa daa.