Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Ayeyi dwom.
65 O Onyankopɔn a wowɔ Sion,+ wo na ayeyi ne kommyɛ yɛ wo dea;
Wo na wobetua bɔhyɛ ade ama wo.+
2 O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.+
3 Mfomso aboro me so.+
Yɛn mmarato de, wo na wobɛkata so.+
4 Anigye ne onipa a wopaw no na woma ɔbɛn wo,+
Sɛ ɔmmɛtena wo fie adiwo.+
Ɔmee na wo fie nnepa bɛmee yɛn,+
W’asɔrefie kronkronbea hɔ.+
5 Wonam trenee nneɛma a ɛyɛ hu so begye yɛn so,+
O yɛn nkwagye Nyankopɔn,+
Wo a woyɛ asase ano ne wɔn a wɔwɔ po so akyirikyiri Ahotoso.+
6 Ɔde n’ahoɔden ma mmepɔw tintim hɔ;+
Tumi bɔ n’asen.+
7 Ɔma ɛpo tɛm dinn,+
Na asorɔkye nnyigyei ne amanaman gyegyeegye nso gyae.+
8 Wɔn a wɔtete akyirikyiri besuro wo nsɛnkyerɛnne;+
Woma anɔpa ne anwummere to ahurusi dwom.+
9 Woadan w’ani abɛhwɛ asase, na woama no nnepa bebree;+
Woma ɛdɔre pii.
Asuten a efi Onyankopɔn hɔ no mu nsu dɔɔso.+
Wo na wusiesie asase so aduan;+
Saa na wusiesie asase no.+
10 Nsu ayeyɛ n’aka amã, woasiesie n’akofi so;+
Wode obosu pii fɔw no; wuhyira n’afifide so.+
11 Wode wo papayɛ abɔ afe no abotiri,+
W’akwan so na srade sosɔ.+
12 Nnepa sosɔ mmoa adidibea a ɛwɔ sare so,+
Na nkoko de ahurusidi bɔ wɔn asen.+
13 Nguankuw ayɛ adidibea mã,+
Asasetaw nyinaa, nnɔbae akata so.+
Wɔbɔ ose, wɔto dwom.+