Exodus
37 Besalel+ de ɔkanto dua yɛɛ Adaka+ no. Ɔyɛɛ ne ntwemu basafa abien ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa biako ne fã, na ne tenten basafa biako ne fã.+ 2 Ɔde sika amapa duraa emu ne ɛho nyinaa, na ɔde sika no bi totoo ano hyiae.+ 3 Afei ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa anan tuatuaa ne nan anan no ho; nkawa abien wɔ benkum na abien nso wɔ nifa.+ 4 Na ɔde ɔkanto dua sen nnua nteaanteaa de sika duraa ho.+ 5 Afei ɔde nnua nteaanteaa no hyehyɛɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛnmu. Nnua yi na wɔde bɛsoa Adaka no.+
6 Na ɔde sika amapa yɛɛ ne mmuaso.+ Ne ntwemu yɛ basafa abien ne fã, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa biako ne fã.+ 7 Bio nso ɔboroo sika de yɛɛ kerubim, na ɔde sisii mmuaso no afã abien hɔ.+ 8 Ɔyɛɛ kerubim biako de sii mmuaso no nifa na ɔyɛɛ biako nso de sii benkum.+ 9 Ɔmaa kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu kɔɔ soro, na ɛkataa adaka no mmuaso no so.+ Na kerubim no di nhwɛanim na wɔn anim kyerɛ mmuaso no.+
10 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ ɔpon+ no. Na ne ntwemu yɛ basafa abien, ne tɛtrɛtɛ basafa biako, ne tenten basafa biako ne fã.+ 11 Ɔde sika amapa duraa ho nyinaa, na ɔde sika no bi totoo ano hyiae.+ 12 Afei ɔyɛɛ mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam twaa ho hyiae, na ɔde sika dii adwini twaa mfomfamho no ho hyiae.+ 13 Na oguu sika nkawa anan, na ɔde nkawa no hyehyɛɛ ntwea anan no ho, baabi a ne nan anan no sisi no.+ 14 Ná nkawa no bɛn mfomfamho a ɔde atwa ɔpon no ho ahyia no. Nkawa yi na na wɔde nnua bɛhyehyɛ mu de asoa ɔpon+ no. 15 Afei ɔde ɔkanto dua yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa ɔpon no+ na ɔde sika duraa ho. 16 Ɛno akyi no, ɔde sika amapa yɛɛ nyowa ne nkuruwa ne nyaawa ne mpɔre+ a wɔde behwie afɔrebɔ nsã de sisii ɔpon no so.
17 Ɔde sika amapa yɛɛ kaneadua.+ Ɔboroo sika de yɛɛ kaneadua no ma enyaa nkorata, nan, nkuruwa, funuma, ne nhwiren.+ 18 Kaneadua no nyaa nkorata asia, kaneadua no nkorata abiɛsa wɔ nifa na nkorata abiɛsa nso wɔ benkum.+ 19 Ɔfã biako wɔ nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren ne funuma ne nhwiren a edidi ebiara akyi. Na ɔfã a aka no nso wɔ nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren ne funuma ne nhwiren a edidi ebiara akyi. Saa na ɔyɛɛ nkorata asia a etuatua kaneadua no ho no nyinaa.+ 20 Na nkuruwa anan a ɛte sɛ ɔsonkoran nhwiren wɔ kaneadua no ankasa ho. Na funuma ne nhwiren a edidi ebiara akyi nso wɔ dua no ho.+ 21 Faako a nkorata abien pue fi kaneadua no ho no, funuma wɔ ase; na faako a nkorata abien foforo pue no, funuma wɔ ase; na faako a nkorata abien bio pue no, funuma wɔ ase. Enti ɛwowɔ nkorata asia a ɛwɔ kaneadua no ho no nyinaa ase.+ 22 Funuma ne nkorata a ɛwɔ ho no nyinaa yɛ kaneadua no fã. Na ne nyinaa yɛ sika amapa biako a wɔde ade aboro.+ 23 Na ɔde sika amapa yɛɛ akanea ason, ɛho afagya ne ogya nkukuwa.+ 24 Sika amapa dwetikɛse biako na ɔde yɛɛ ɛno ne ɛho nneɛma nyinaa.
25 Afei ɔde ɔkanto dua+ yɛɛ aduhuam muka.+ Ɔyɛɛ no ahinanan, kyerɛ sɛ ne ntwemu yɛ basafa biako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa biako. Ne tenten yɛ basafa abien. Na ɔyɛɛ mmɛn tuatuaa ho.+ 26 Ɔde sika amapa yɛɛ ho nyinaa, ɛso, ne nkyɛnmu, ne ne mmɛn nyinaa. Na ɔde sika totoo ano hyiae.+ 27 Afei ɔyɛɛ nkawa abien wɔ nkyɛnmu, benkum ne nifa, a wɔde nnua bɛhyehyɛ mu asoa.+ 28 Ɔde ɔkanto dua sen nnua a wɔde bɛsoa, na ɔde sika duraa ho.+ 29 Na ɔsan yɛɛ ɔsrango kronkron+ ne aduhuam papa,+ adufrafo nsa ano adwuma.