Ɔsɛnkafo
4 Mesan hwɛɛ nhyɛso+ a wɔde ba nnipa so owia ase nyinaa, na hwɛ! mihuu wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu,+ nanso wonni ɔwerɛkyekyefo biara;+ tumi wɔ nhyɛsofo no nsam ma enti wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nni ɔwerɛkyekyefo biara. 2 Ɛnna mekamfoo awufo a wɔawuwu dedaw no sen ateasefo a wɔda so te ase.+ 3 Nanso nea ne de ye sen wɔn nyinaa ne nea onnya mmae,+ nea onhuu ɔbrɛdwuma a wɔyɛ owia ase no.+
4 Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu nimdeɛ nyinaa,+ sɛ ɛma obi ne ne yɔnko si akan;+ eyi nso yɛ ahuhude ne adehunu akyidi.
5 Ɔkwasea bobɔw ne nsa,+ na n’ankasa honam na ɛbɛyɛ n’aduan.+
6 Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.+
7 Na mesan hwɛɛ ahuhude a ɛwɔ owia ase no: 8 Obi wɔ hɔ a obiara nka ne ho;+ onni ba, na onni onua biara,+ nanso ɔyɛ adwumaden a, onnyae da. Na ahonyade biara nsɔ n’ani:+ “Na hena koraa na merebrɛ ama no, a ne nti mede nneɛma pa rekame me kra yi?”+ Eyi nso yɛ ahuhude; ɛyɛ ɔbrɛdwuma.+
9 Baanu ye sen obiakofo,+ efisɛ wonya wɔn brɛ so akatua pa.+ 10 Sɛ obiako hwe ase a, nea ɔka ne ho no bɛma no so.+ Na obiakofo a ɔhwe ase a obi mma no so no, ebesi no dɛn?+
11 Bio nso, sɛ baanu da a, wɔn ho bɛyɛ wɔn hyew; na obiakofo de, ɛbɛyɛ dɛn na ne ho ayɛ no hyew?+ 12 Sɛ obi betumi adi obiakofo so a, nnipa baanu de, wobetumi ne no asi anim.+ Na hama a ɛbɔ ho abiɛsa no, emu rentew ntɛm.
13 Abofra hiani nyansafo ye+ sen ɔhene akwakoraa gyimfo+ a ontie kɔkɔbɔ bio.+ 14 Afiase na abofra no fi bedii hene;+ wɔwoo no ohiani wɔ obiako no ahenni mu.+ 15 Mahu wɔn a wɔte ase a wɔnenam owia ase nyinaa ne sɛnea ewie abofra a osi obiako no ananmu.+ 16 Ɔmanfo a odi wɔn anim no rensa da;+ na wɔn a wobedi n’akyi aba no de, wɔn ani rennye ne ho,+ na eyi nso yɛ ahuhude ne adehunu akyidi.+