Yesaia
15 Moab ho atemmusɛm ni:+ Esiane sɛ wɔasɛe no anadwo biako nti, Moab-Ar+ ayɛ komm. Esiane sɛ wɔasɛe no anadwo biako nti, Moab-Kir+ ayɛ komm. 2 Waforo kɔ asɔrefie ne Dibon,+ ɔkɔ nkoko so rekosu. Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab retwa adwo. Kurow no mufo nyinaa abɔ tikwaw+ na wɔayi wɔn bogyesɛ. 3 Wɔn nyinaa furafura atweaatam+ wɔ mmɔnten so. Obiara resu+ twa adwo wɔ adan atifi+ ne mmɔnten so. 4 Hesbon ne Eleale+ teɛm, na wɔte wɔn nne wɔ Yahas+ tɔnn; eyi nti Moab asraafo teɛteɛm. Ne kra wosow biribiri.
5 Me koma si apini ma Moab.+ Wɔn a wɔreguan no kodu Soar+ ne Eglat-Selisiya.+ Obiara de nusu foro Luhit+ koko no, na wotwa ɔsɛe no ho adwo wɔ Horonaim+ kwan so. 6 Nimrim+ asu nyinaa ayera. Sare aguan, wura awu, na wura momono biara nni hɔ.+ 7 Ɛno nti wɔde wɔn ahode ne nea wɔapɛ asie nyinaa kotwa nsuano nnua subon no. 8 Nteɛteɛm no wɔ Moab asase so baabiara.+ Adwotwa no adu Eglaim, na benabɔ no adu Beer-Elim, 9 efisɛ Dimon nsu nyinaa adan mogya. Na mede ade foforo bɛba Dimon so. Ebi ne sɛ gyata bɛba Moabfo a wɔreguan ne asase no so nkaefo so.+