Yesaia
4 Saa da no, mmea baason beso ɔbarima biako mu+ aka akyerɛ no sɛ: “Yebedi yɛn ankasa aduan ahyɛ yɛn ankasa atade; nea ehia ara ne sɛ wode wo din bɛto yɛn so na apra yɛn aniwu afi hɔ.”+
2 Ɛda no Yehowa bãã+ bɛyɛ afɛfɛde ne anuonyanne,+ na Israelfo a wɔanya wɔn ti adidi mu+ no de asase no so aba bɛhoahoa wɔn ho,+ na ɛbɛyɛ wɔn fɛ. 3 Afei Sion nkaefo ne wɔn a wɔaka wɔ Yerusalem no bɛyɛ kronkron ama no,+ kyerɛ sɛ obiara a wɔkyerɛw ne din sɛ ɔntena Yerusalem no.+
4 Sɛ Yehowa hohoro Sion mmabea ho tiafi+ na ɔhohoro+ Yerusalem mogyahwiegu+ nso fi ne ho denam atemmu honhom ne ogya honhom so a,+ 5 afei Yehowa bɛma omununkum ne wusiw akata Bepɔw Sion tenabea+ ne ne nhyiambea so awia, na ogyaframa+ ahyerɛn hɔ anadwo,+ efisɛ anuonyanne no nyinaa benya ahobammɔ.+ 6 Na awiabere a ahohuru wom no, wobenya asese ase onwini,+ na ahum ne osutɔ bere mu no, wɔanya guankɔbea ne hintabea.+