Hesekiel
15 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, dɛn na bobe+ dua anaa bobe duforo a ɛwɔ kwae mu no de sen dua biara? 3 Wobetwa dua no bi de ayɛ adwuma bi? Anaa wobetwa sin bi de biribi asɛn so? 4 Hwɛ, wɔde begu ogya mu ma ahyew.+ Ogya no bɛhyew anoano ama mfinimfini no nso ahyew.+ Ɛba saa a, dwuma bɛn na wobetumi de adi? 5 Hwɛ, hwee nyɛɛ no mpo na wontumi mfa nni dwuma biara yi, na menne sɛ ogya ahyew no! Dwuma foforo bɛn na wobetumi de adi?”+
6 “Enti Awurade Tumfoɔ Yehowa aka sɛ, ‘Sɛnea mede bobe dua a ɛwɔ kwae mu agu ogya mu sɛ ɛnhyew no, saa ara na mayɛ Yerusalem.+ 7 Mede m’ani asi wɔn so.+ Wofi ogya mu, na ogya na ɛbɛhyew wɔn.+ Na sɛ mede m’ani si wɔn so a, mubehu sɛ mene Yehowa.’”+
8 “‘Na mɛma asase no adan amamfõ,+ efisɛ wɔanni nokware,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.”