Hesekiel
19 “Afei twa Israel abirɛmpɔn+ ho kwadwom,+ 2 na ka sɛ, ‘Wo maame yɛ dɛn? Gyatabere a ɔwɔ agyata+ mu; ɔda agyatanini ntam. Na ɔyɛn ne mma.
3 “‘Ɔyɛn ne mma no mu biako+ ma ɔbɛyɛɛ gyatabiri, na osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu.+ Na ɔwee nnipa mpo. 4 Amanaman tee ne ho asɛm, na wɔkyeree no wɔ wɔn amoa mu, na wɔde akɔtɔkoro twee no kɔɔ Egypt asase so.+
5 “‘Bere a ne maame hui sɛ watwɛn nanso anidaso biara nni hɔ no, ɔfaa ne ba foforo,+ na ɔde no gyinaa hɔ sɛ gyatabiri. 6 Afei ɔne agyata dii akɔneaba, na ɔbɛyɛɛ gyatabiri, na osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu.+ Ɔwee nnipa mpo.+ 7 Afei ohuu faako a ɔte, na ɔsɛee wɔn nkurow+ maa asase no dan amamfõ, na ɔde ne mmobom hyɛɛ hɔ mã.+ 8 Na aman a ɛwɔ ɔmantam no mu nyinaa de wɔn ani sii no so,+ na wɔtrɛw wɔn atena mu guu no so,+ na wɔkyeree no wɔ wɔn amoa mu.+ 9 Afei wɔde akɔtɔkoro twee no kɔhyɛɛ buw mu de no kɔmaa Babilon hene.+ Na wɔde atena twee no kɔe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnte ne nne wɔ Israel mmepɔw+ so bio.
10 “‘Bere bi na wo maame+ te sɛ wo mogya mu bobe+ a esi nsu ho. Nsu pii+ nti, enyaa nkorata bebree na ɛsow aba. 11 Na ɛbɛyɛɛ poma a ɛyɛ den maa no, ahempoma.+ Enyin yɛɛ tenten sen nnua a aka, na ne tenten ne ɛho nhaban nti, na obiara hu.+ 12 Nanso wɔde abufuw tuu n’ase,+ na wɔtow no kyenee asase so maa apuei mframa hyew n’aba.+ Afei wobubuu ne poma dennen no mu, na ɛwoe.+ Na ogya hyew no.+ 13 Na wɔde no koduaa sare so,+ asase kesee a nsu nni so so.+ 14 Ogya fi ne poma mu bae,+ na ɛhyew ne ho mfefɛwee ne n’aba nyinaa. Afei na enni poma a ɛyɛ den, ahempoma, bio.+
“‘Ɛyɛ kwadwom, na ɛbɛyɛ kwadwom.’”+