Hesekiel
41 Na ɔde me baa asɔrefie hɔ, na osusuw ɛho adum no. Ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia wɔ ɔfã ha ne basafa asia wɔ ɔfã ha; eyi ne adum no tɛtrɛtɛ. 2 Ná ɔkwan no tɛtrɛtɛ yɛ basafa du; na ɔkwan no nkyɛnmu yɛ basafa anum wɔ ɔfã ha ne basafa anum wɔ ɔfã ha. Na osusuw ne ntwemu basafa aduanan; ne tɛtrɛtɛ nso, basafa aduonu.
3 Afei ɔkɔɔ mu kosusuw ɔkwan no ano adum no, basafa abien; ɔkwan no, basafa asia; na ɔkwan no tɛtrɛtɛ nso, basafa ason. 4 Na osusuw ne ntwemu, basafa aduonu; ne tɛtrɛtɛ nso, basafa aduonu,+ asɔrefie* no anim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne Kronkron mu Kronkronbea no.”+
5 Afei osusuw ɔfasu a ɛwɔ fie no ho no, basafa asia. Ɛho mpia nyinaa tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan de twa fie no ho nyinaa hyia.+ 6 Ná pia biako toa biako so saa ara abiɛsa; ɛyɛ saa ara ahorow aduasa; na ɛhyehyɛ ɔfasu a wɔayɛ ama fie no ho mpia no mu ma esom, nanso enso fie no ankasa ɔfasu no mu.+ 7 Mpia no rekɔ soro nyinaa, na ɛretrɛw, na fie no kwan nwonwan kɔ soro twa fie hɔ nyinaa hyia.+ Fie no rekɔ soro nyinaa na ɛretrɛw, enti sɛ obi fi ase rekɔ soro+ a, ɔfa mfinimfini de no mu.
8 Afei mihui sɛ bamma tenten bi atwa fie no ho nyinaa ahyia. Ná mpia no fapem yɛ demmire basafa asia wɔ ne ntwea so.+ 9 Ɔfasu a ɛwɔ mpia no akyi tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, na na wɔagyaw baabi ato fie no mpia ho.
10 Ná adidibea+ no ntam tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu twa fie no nyinaa ho hyia. 11 Efi mpia no ano besi baabi a wɔagyaw ato hɔ no, ɔkwan biako hwɛ atifi fam na ɔkwan biako hwɛ anafo fam, na baabi a wɔagyaw ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum twa ho hyia.
12 Ɔdan a ɛhwɛ atɔe fam wɔ baabi a atew ne ho no tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduɔson. Na ɔfasu no tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum twa ho nyinaa hyia, na ne ntwemu yɛ basafa aduɔkron.
13 Na osusuw fie no; ne ntwemu yɛ basafa ɔha, na baabi a atew ne ho no ne ɔdan no ne n’afasu nso ntwemu yɛ basafa ɔha. 14 Na fie no anim ne baabi a atew ne ho wɔ apuei fam no tɛtrɛtɛ yɛ basafa ɔha.
15 Na osusuw ɔdan a ɛhwɛ baabi a atew ne ho no akyi no ne n’abrannaa a ɛwɔ ɔfã ha ne ɔfã ha no ntwemu, basafa ɔha.
Afei osusuw asɔrefie no ne mfinimfini hɔ+ ne adiwo hɔ abrannaa no, 16 na na apon ne mfɛnsere a aka apua+ ne abrannaa wɔ abiɛsa no nyinaa ho. Ná wɔde dua a wɔasen ato ɔpon no ano nyinaa ahyia,+ fi fam kɔpem mfɛnsere no, na wɔde ade afa mfɛnsere no nyinaa ho. 17 Osusuw ɔpon no atifi, fie no mu ne akyi, ne ɔfasu a atwa ho ahyia no nyinaa, ofie no mu ne akyi. 18 Ná wɔayɛ kerubim+ ne mmedua+ nso; abedua wɔ kerubim ne kerubim ntam, na kerubim no wɔ anim abien.+ 19 Ná onipa anim kyerɛ abedua a ɛwɔ ɔfã ha no, na gyata anim kyerɛ abedua a ɛwɔ ɔfã ha no nso;+ wɔayɛ atwa fie no ho nyinaa ahyia. 20 Ná wɔayɛ kerubim ne mmedua wɔ asɔrefie no fasu ho, efi fam kɔpem ɔpon no atifi.
21 Asɔrefie no apongua yɛ ahinanan,+ na biribi wɔ kronkronbea no anim te sɛ eyi: 22 afɔremuka a wɔde dua ayɛ no tenten yɛ basafa abiɛsa, na ne ntwemu yɛ basafa abien, na ɛwɔ ntwea adum.+ Ná wɔde dua ayeyɛ ne ntwemu ne n’afasu no. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne ɔpon a esi Yehowa anim no.”+
23 Ná asɔrefie ne kronkronbea no mu biara wɔ apon abien.+ 24 Apon no mu biara bɔ ho abien, na abien no tumi dannan. Ɔpon biako bɔ ho abien, na foforo no nso bɔ ho abien. 25 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmedua+ wɔ asɔrefie no apon ho, te sɛ nea wɔayɛ wɔ afasu no ho no, na wɔde dua abɔ pata wɔ ntwironoo no anim, wɔ akyi hɔ. 26 Ná mfɛnsere a aka apua+ ne mmedua wɔ ɔfã ha ne ɔfã ha, wɔ abrannaa no ne ofie no ho mpia no ne nkataso no ho.