Hosea
10 “Israel yɛ bobe a ɛresɛe;+ ɔsow aba pii.+ Nanso bere a n’aba redɔɔso no, ɔma n’afɔremuka nso dɔɔso.+ Bere a n’asase redi yiye no, na wɔresisi abosom adum a ɛyɛ fɛ.+ 2 Wɔn koma yɛ nyaatwom,+ enti wobebu wɔn fɔ.
“Obi bɛba abebubu wɔn afɔremuka na wasɛe wɔn abosom adum no.+ 3 Afei wɔbɛka sɛ, ‘Yenni hene,+ efisɛ yensuro Yehowa. Na ɔhene mpo, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?’
4 “Wɔkeka nsɛnhunu ne ntanhunu,+ na wɔyeyɛ apam,+ na atemmu afifi te sɛ awuduru a atrɛw wɔ afuw mu akofi so.+ 5 Bet-Awen nantwi ba honi+ no nti Samariafo bɛbɔ hu, na kurom hɔfo ne n’akɔmfo a na wodi n’anuonyam ho ahurusi no bedi awerɛhow, efisɛ wobetu afi hɔ akɔ nkoasom mu.+ 6 Obi de bɛkɔ Asiria akɔkyɛ ɔhenkɛse no.+ Na Efraim ani bewu+ na Israel anim agu ase wɔ n’agyinatu ho.+ 7 Wobetwa Samaria ne ne hene afi hɔ+ te sɛ abaa sin bi a ɛda nsu ani. 8 Na Bet-Awen sorɔnsorɔmmea+ a ɛde Israel bɔne bae no,+ wɔbɛsɛe no. Nsɔe ne nnɛnkyɛnse+ befifi wɔ wɔn afɔremuka so.+ Na nnipa bɛka akyerɛ mmepɔw sɛ, ‘Monkata yɛn so!’ ne nkoko sɛ, ‘Mummegu yɛn so!’+
9 “O Israel, woayɛ bɔne+ fi Gibea bere so.+ Ɛhɔ ara na wogyinae. Ɔko a wɔde baa asoɔden mma so wɔ Gibea no ansɛe wɔn koraa.+ 10 Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso.+ Na aman bɛboa wɔn ano aba wɔn so bere a mede wɔn bɔne abien no ayɛ kɔndua ato wɔn so no.+
11 “Ná Efraim yɛ nantwi a wɔatete no a ɔpɛ awiporow;+ na mitwaam faa ne kɔn fɛfɛ no so. Na mɛma obi atena Efraim so.+ Yuda bɛfɛntɛm+ na Yakob afuntum+ ama no. 12 Mungu aba wɔ trenee mu,+ na muntwa wɔ adɔe mu.+ Mprempren a mowɔ bere a mode bɛhwehwɛ Yehowa yi, monnɔw afusase+ nkosi sɛ ɔbɛba+ abɛkyerɛkyerɛ mo wɔ trenee mu.+
13 “Moafɛntɛm amumɔyɛ,+ na moatwa bɔne.+ Moadi nnaadaa aba,+ efisɛ mode mo ho too mo kwan so+ ne mo nnɔmmarima dodow so.+ 14 Na wo nkurɔfo bɛyɛ hagyahagya,+ na wɔbɛsɛe wo nkurow dennen nyinaa,+ sɛnea Salman sɛee Arbel fie wɔ ɔko bere mu, bere a wɔtetew ɔbaatan mu kaa ne mma ho no.+ 15 Saa ara na wɔbɛyɛ mo, Betelfo, efisɛ mo bɔne dɔɔso dodo.+ Na ahemadakye na wobetwa Israel hene afi hɔ.”+