Leviticus
21 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron mma asɔfo no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Obiara nhwɛ na wamma efunu* angu ne ho fĩ wɔ ne manfo mu.+ 2 Nanso ne busuani a ɔbɛn no pɛɛ, ne maame, ne papa, ne ba, ne nuabarima 3 anaa ne nuabea, ɔbaabun a ɔbɛn no a ɔnyɛ obi yere de, obetumi ama wɔagu ne ho fĩ.* 4 Na ɔmmma ɔbea a ɔwɔ wura nngu ne ho fĩ wɔ ne man mu na ne ho anhura. 5 Ɛnsɛ sɛ wɔwerɛw wɔn ti ho,+ na wonnyi wɔn bogyesɛ ano,+ na wɔmmfa biribi mmmotabota wɔn ho.+ 6 Wɔnyɛ kronn wɔ wɔn Nyankopɔn anim,+ na wonngu wɔn Nyankopɔn din ho fĩ,+ efisɛ wɔn na wɔbɔ Yehowa ogya afɔre na wɔde aduan ba Onyankopɔn anim;+ enti wɔnyɛ kronn.+ 7 Wɔmmfa+ ɔbea aguaman+ anaa nea ne ho ahura anaa nea ne kunu agyaa no,+ efisɛ ɔyɛ kronn wɔ ne Nyankopɔn anim. 8 Enti tew ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔde wo Nyankopɔn aduan ba. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron,+ efisɛ me Yehowa a meretew mo ho no, meyɛ kronkron.+
9 “‘Sɛ ɔsɔfo babea dan aguaman de gu ne ho fĩ a, wagu ne papa ho fĩ. Wɔnhyew ɔbea no wɔ ogya mu.+
10 “‘Na ɔsɔfo panyin a wobeyi no afi ne nuanom mu ahwie ɔsrango agu ne mpampam+ ama no tumi* sɛ ɔnhyɛ asɔfotade+ no de, ɛnsɛ sɛ ogyaw ne ti nhwi basaa,+ na ɛnsɛ sɛ osuan n’atade mu.+ 11 Ɛnsɛ sɛ ɔbɛn efunu* biara ho.+ Ɔmmma ne papa anaa ne maame mpo nngu ne ho fĩ. 12 Afei ɛnsɛ sɛ ofi kronkronbea hɔ, na onngu ne Nyankopɔn kronkronbea no ho fĩ,+ efisɛ ahosohyira sɛnkyerɛnne, Onyankopɔn srango+ no, wɔ ne so. Mene Yehowa.
13 “‘Ɔbaabun na ɔnware no.+ 14 Ɔbea kunafo anaa nea ne kunu agyaa no anaa nea ne ho ahura anaa aguaman de, ɔmmfa wɔn mu biara. Mmom ɔnware ne man muni a ɔyɛ ɔbaabun. 15 Na ɛnsɛ sɛ ogu ne mma ho fĩ wɔ ne man mu,+ efisɛ me Yehowa na meretew ne ho.’”+
16 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘W’asefo awo ntoatoaso nyinaa mu no, ɔbarima biara a dɛm wɔ ne ho+ mmma ne Nyankopɔn anim sɛ ɔde n’aduan rebrɛ no.+ 18 Obiara a dɛm wɔ ne ho biara mmma m’anim: onifuraefo, apakye, hwensin, nea ne honam akwaa bi boro so,+ 19 nea ne nan anaa ne nsa mu abu, 20 afũ, nea watwintwam,* nea yare bi wɔ n’ani so, nea wadɔ ntwom anaa nea ɛyam wɔ ne ho, nea ne hwewa mu aba abɔ.+ 21 Aaron aseni biara a dɛm wɔ ne ho ntumi mma Yehowa anim mmɛbɔ ogya afɔre mma no.+ Dɛm wɔ ne ho nti ontumi mma ne Nyankopɔn anim sɛ ɔde n’aduan rebrɛ no.+ 22 Obetumi adi ne Nyankopɔn aduan, akronkronne mu ade kronkron+ ne akronkronne+ no bi. 23 Nanso dɛm+ no nti ɔrentumi mma ntwamutam+ anaa afɔremuka+ no ho. Ɛnsɛ sɛ ogu me kronkronbea no ho fĩ,+ efisɛ me Yehowa na meretew wɔn ho.’”+
24 Mose de asɛm no too Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa anim.