Amos
2 “Nea Yehowa aka ni, ‘“Moab+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ ɔhyew Edom hene nnompe de yɛɛ akado.+ 2 Na mede ogya bɛto Moab mu na ahyew Keriot+ aban akɛse no. Na Moab bewu wɔ gyegyeegye ne osebɔ ne abɛn nnyigyei mu.+ 3 Metwa ɔtemmufo afi mu na makum emu abirɛmpɔn aka ne ho,”+ Yehowa na waka.’
4 “Nea Yehowa aka ni, ‘Yuda+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ wɔpoo Yehowa mmara,+ na wɔanni n’ahyɛde so, na wɔn atoro+ ma wɔyerae, atoro a wɔn agyanom dii akyi no.+ 5 Na mede ogya bɛto Yuda mu na ahyew Yerusalem aban akɛse no.’+
6 “Nea Yehowa aka ni, ‘Israel+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ wɔtɔn ɔtreneeni de gyee dwetɛ, na wɔde ohiani gyee mpaboa bo.+ 7 Na wɔn ho pere wɔn sɛ wobehu abrɛfo ti so mfutuma,+ na wopia ahobrɛasefo to nkyɛn;+ na obi ne ne papa kɔ ɔbea koro ho+ de gu me din kronkron no ho fĩ.+ 8 Ntama a ahiafo de asi awowa so na wɔda+ wɔ afɔremuka biara ho,+ na nsã a wɔabɔ ebinom ka ma wɔde aba no na wɔnom wɔ wɔn anyame fie.’+
9 “‘Nanso wɔn nti mesɛee Amorini+ a ne tenten te sɛ nkyeneduru na ne ho yɛ den te sɛ nnupɔn no,+ na mesɛee ne so aba ne n’ase ntini nyinaa.+ 10 Na miyii mo fii Egypt asase so,+ na mema monantew sare so mfe aduanan+ sɛ mommɛfa Amorini asase.+ 11 Na memaa mo mma no bi bɛyɛɛ adiyifo+ na mo mmerante bi nso bɛyɛɛ Nasirifo.+ Ɛnyɛ ne kwan so ara ni, Israelfo?’ Yehowa asɛm ni.
12 “‘Nanso momaa Nasirifo no nsã nomee,+ na mohyɛɛ adiyifo no sɛ: “Monnhyɛ nkɔm.”+ 13 Enti mɛma asase a mugyina so no ahinhim te sɛ teaseɛnam a wɔatwa aba foforo de ahyɛ no mã. 14 Na ɔhoɔharefo rennya baabi nguan nkɔ,+ na ɔhoɔdenfo tumi bɛsa, na dɔmmarima biara rentumi nnye ne kra.+ 15 Nea okura agyan rentumi nnyina, na nea ne nan ase yɛ hare rentumi nguan, na ɔpɔnkɔsotefo rentumi nnye ne kra.+ 16 Na saa da no, nnɔmmarima mu kokodurufo de ne ho kwaterekwa beguan,’+ Yehowa asɛm ni.”