Yona
2 Afei Yona bɔɔ Yehowa, ne Nyankopɔn mpae wɔ apataa no yam,+ 2 na ɔkae sɛ:
“M’ahohia mu na misu frɛɛ Yehowa,+ na ogyee me so.+
Adamoa* yafunu mu na misu hwehwɛɛ mmoa.+
Na wutiee me.+
3 Bere a wotow me too bun mu, na mekɔɔ ɛpo komam tɔnn no,+
Nsu dii kyinhyia faa me ho.
Na w’asorɔkye de ne tumi nyinaa bu faa me so.+
6 Misian kɔɔ mmepɔw ase tɔnn.
Na asase adaban kaa me hyɛɛ mu daa.
Nanso wo Yehowa me Nyankopɔn, wuyii me nkwa fii amoa mu.+
8 Wɔn a wɔde wɔn ho to atoro ahoni so no, wɔpo wɔn ankasa adɔe.+
10 Afei Yehowa maa apataa no kɔfee Yona too asase kesee so.+