Mika
4 Na nna a edi akyiri no mu no,+ Yehowa fie+ bepɔw+ betim hɔ wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɛma so asen nkoko nyinaa,+ na amanaman bɛsen yuu akɔ hɔ.+ 2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, Yakob Nyankopɔn fie,+ na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan+ na yɛanantew n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara befi aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+ 3 Na obebu atɛn wɔ aman pii mu,+ na obesiesie+ nsɛm ama aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri.+ Na wɔde wɔn nkrante bɛyɛ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman foforo so, na wɔrensua akodi bio.+ 4 Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase,+ na obiara renyi wɔn hu.+ Asafo Yehowa ankasa anom asɛm ni.+
5 Aman no mu biara bɛnantew ne nyame din mu,+ na yɛn de, yɛbɛnantew Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu+ daa daa.+
6 Asɛm a Yehowa aka ni: “Saa da no, mɛboaboa wɔn a wɔtɔ gu wɔn nan so no ano,+ na maka wɔn a wɔahwete no aboa ano,+ wɔn a mama wɔahu amane no mpo. 7 Wɔn a wɔtɔ gu wɔn nan so no, mɛkora wɔn so sɛ nkaefo,+ na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no mɛyɛ wɔn ɔman kɛse.+ Na Yehowa bedi wɔn so hene wɔ Bepɔw Sion so fi nnɛ akosi daa.+
8 “O nguanhwɛfo aban, Sion babea bepɔw ketewa,+ wo nkyɛn na tumidi a edi kan no bɛba,+ Yerusalem babea ahenni no.+
9 “Dɛn nti na woteɛteɛm denneennen?+ Adɛn, wunni ɔhene biara, anaa w’afotufo nyinaa awuwu ma enti wote yaw te sɛ ɔbea a ɔrewo?+ 10 Sion babea, di yaw na kyem te sɛ ɔbea a ɔrewo,+ efisɛ wubefi kurow mu akɔtena wuram.+ Wobɛkɔ Babilon tɔnn.+ Ɛhɔ na wobegye wo,+ na ɛhɔ na Yehowa bɛtɔ wo afi w’atamfo nsam.+
11 “Afei aman pii bɛboa wɔn ho ano aba wo so, na wɔbɛka sɛ, ‘Ma ne ho ngu fĩ, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ Sion.’+ 12 Nanso wɔn de, wonnim Yehowa adwene, na wonnim ne tirim asɛm.+ Na ɔbɛboaboa wɔn ano te sɛ awi a wɔatwa no akuwakuw agu awiporowbea.+
13 “Sion babea, sɔre porow;+ na mɛma wo mmɛn adan dade na wo nan adan kɔbere, na wobɛyam aman pii.+ Wobɛkora wɔn mfaso bɔne no so ama Yehowa+ na woahyira wɔn ahode so ama Awurade nokwafo a odi asase nyinaa so no.”+