1 Korintofo
14 Monhwehwɛ ɔdɔ, nanso monkɔ so nhwehwɛ honhom fam akyɛde+ no denneennen, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, monhyɛ nkɔm.+ 2 Nea ɔka kasa foforo bi no nka nkyerɛ nnipa na mmom ɔka kyerɛ Onyankopɔn, efisɛ obiara nte,+ na mmom ɔnam honhom no so ka ahintasɛm kronkron.+ 3 Nanso nea ɔhyɛ nkɔm de ne kasa hyɛ nnipa den,+ ɔde hyɛ wɔn nkuran, na ɔkyekye wɔn werɛ. 4 Nea ɔka kasa foforo bi no hyɛ n’ankasa ho den, na nea ɔhyɛ nkɔm no hyɛ asafo no den. 5 Minyae a, anka mo nyinaa ka kasa foforo,+ nanso mɛpɛ sɛ mohyɛ nkɔm+ mmom. Nokwarem no, nea ɔhyɛ nkɔm no kyɛn nea ɔka kasa foforo,+ gye sɛ ebia ɔkyerɛ ase na ahyɛ asafo no den. 6 Nanso anuanom, seesei sɛ meba na mebɛka kasa foforo kyerɛ mo na mankasa ankyerɛ mo adiyi+ anaa nimdeɛ+ anaa nkɔmhyɛ anaa ɔkyerɛkyerɛ mu a, mfaso bɛn na mubenya afi me hɔ?
7 Sɛnea ɛte no, nneɛma a nkwa nnim wɔ nnyigyei+ bi, sɛ́ ɛyɛ abɛn anaa sanku; nanso sɛ nsonsonoe biara amma nnyigyei no mu a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea wɔrebɔ wɔ abɛn anaa sanku no so? 8 Nokwarem no, sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ko?+ 9 Saa ara na sɛ mo nso moamfa tɛkrɛma no anka asɛm a emu da hɔ pefee+ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi behu nea moreka? Ɛbɛyɛ sɛ morekasa agu mframa mu kwa.+ 10 Kasa horow pii na ebia ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a enni nea ɛkyerɛ. 11 Enti sɛ mente kasa no ase a, nea ɔrekasa no bebu me ɔnanani,+ na me nso mebu nea ɔrekasa no ɔnanani. 12 Saa ara na mo nso esiane sɛ mopɛ honhom akyɛde+ denneennen nti, mommɔ mmɔden sɛ mubenya ma abu so na asafo no anya nkɔso.+
13 Enti ma nea ɔka kasa foforo no mmɔ mpae sɛ obetumi akyerɛ ase.+ 14 Na sɛ mede kasa foforo bi bɔ mpae a, ɛyɛ me honhom akyɛde na ɛbɔ mpae+ no, na m’adwene de, ɛnsow aba. 15 Ɛnde dɛn na menyɛ? Mede honhom akyɛde no bɛbɔ mpae, na mede m’adwene nso bɛbɔ mpae. Mede honhom akyɛde no bɛto dwom,+ na mede m’adwene nso bɛto dwom.+ 16 Anyɛ saa na wode honhom akyɛde no yi ayɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔfoforo a ɔte hɔ bi no begye w’aseda no so sɛ “Amen,”+ bere a onnim nea woreka no? 17 Ɛwom, woda ase yiye, nanso ɛnhyɛ ɔfoforo den.+ 18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa horow pii sen mo nyinaa.+ 19 Nanso asafo no mu de, anka mɛpɛ sɛ mede m’adwene bɛka nsɛm anum na ama matumi akyerɛkyerɛ afoforo sen sɛ mɛka nsɛm mpem du wɔ kasa bi mu.+
20 Anuanom, monnyɛ nsɛm ho ntease mu mmofra,+ na mmom monyɛ bɔne mu nkokoaa;+ ne nyinaa mu no, monyɛ nnipa a wɔanyin nsɛm ho ntease mu.+ 21 Wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu sɛ: “‘Mede ananafo tɛkrɛma ne ahɔho ano+ bɛkasa akyerɛ ɔman yi,+ nanso ɛno mpo wɔrentie me,’ Yehowa na ose.”+ 22 Enti kasa horow yɛ sɛnkyerɛnne+ ma wɔn a wonnye nni, ɛnyɛ gyidifo,+ na nkɔmhyɛ de, ɛyɛ gyidifo dea, ɛnyɛ wɔn a wonnye nni.+ 23 Enti sɛ asafo mũ no nyinaa behyia faako na wɔn nyinaa ka kasa horow,+ na nnipa foforo anaasɛ wɔn a wonnye nni ba bi a, so wɔrenka sɛ moabobɔ dam? 24 Nanso sɛ mo nyinaa hyɛ nkɔm na obi a onnye nni anaasɛ onipa foforo ba bi a, wɔn nyinaa yi no ntɛn,+ na wɔn nyinaa hwehwɛ ne mu hwɛ; 25 ne komam ahintasɛm da adi,+ na ɔde n’anim butuw fam som Onyankopɔn ka sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.”+
26 Ɛnde anuanom, dɛn na mobɛyɛ? Sɛ muhyiam a, obi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ adiyi, obi wɔ kasa foforo, na obi nso wɔ nkyerɛase.+ Momma biribiara nyɛ nea ɛhyɛ den.+ 27 Na sɛ obi bɛka kasa foforo a, momma ɛnyɛ nnipa baanu, anaa aboro so koraa baasa, na wɔnka no nnidiso nnidiso; na momma obi nkyerɛ ase.+ 28 Na nea ɔbɛkyerɛ ase nni hɔ a, momma ommua n’ano wɔ asafo no mu, na ɔnkasa nkyerɛ ne ho+ ne Onyankopɔn. 29 Bio nso momma adiyifo+ baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no nhu nea ɛkyerɛ.+ 30 Nanso sɛ obi foforo te hɔ na onya adiyi+ a, momma nea odi kan no mmua n’ano. 31 Na mo nyinaa betumi ahyɛ nkɔm+ mmiako mmiako, na obiara asua, na ahyɛ obiara nkuran.+ 32 Na adiyifo no na wodi adiyifo honhom akyɛde no so. 33 Na Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn,+ na mmom asomdwoe Nyankopɔn.+
Sɛnea ɛte wɔ akronkronfo asafo nyinaa mu no, 34 momma mmea mmua wɔn ano+ wɔ asafo no mu, efisɛ hokwan nni hɔ sɛ wɔkasa, na mmom momma wɔmmrɛ wɔn ho ase,+ sɛnea Mmara+ no nso ka no. 35 Enti sɛ wɔpɛ sɛ wosua biribi a, wommisa wɔn ankasa wɔn kununom wɔ fie, efisɛ ɛyɛ aniwu+ sɛ ɔbea bɛkasa wɔ asafo no mu.
36 Adɛn? Mo mu na Onyankopɔn asɛm no fi bae,+ anaasɛ mo nkutoo so na ɛsõ?
37 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa ɔwɔ honhom akyɛde a, ma onnye nea merekyerɛw mo yi ntom efisɛ ɛyɛ Awurade ahyɛde.+ 38 Na sɛ obi nso nnim a, onnim ara. 39 Ne saa nti, me nuanom, monkɔ so nhwehwɛ nkɔmhyɛ denneennen,+ nanso ɛnsɛ sɛ mobara kasa foforo.+ 40 Na mmom momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.+