Galatifo
1 Me Paulo+ a meyɛ ɔsomafo,+ a ɛnyɛ nnipa na wɔpaw me anaasɛ wɔamfa amfa onipa bi so, na mmom Yesu Kristo+ ne Agya Onyankopɔn+ a onyan no fii awufo mu+ no na wɔpaw me, 2 ne anuanom a wɔka me ho+ nyinaa, de kɔma Galatia asafo+ ahorow:
3 Adom ne asomdwoe+ a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka mo. 4 Ɔno na yɛn bɔne+ nti ɔde no ho mae na ama wagye yɛn afi mprempren wiase nhyehyɛe+ bɔne yi mu, sɛnea yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya no pɛ,+ 5 na ɔno na anuonyam nka no daa daa.+ Amen.
6 Ɛyɛ me nwonwa sɛ moretwe mo ho ntɛm saa afi Nea+ ɔnam Kristo adom+ so afrɛ mo no ho akɔ asɛmpa foforo+ bi ho. 7 Nanso ɛnyɛ asɛmpa foforo biara; ɛno ara ne sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔrehaw mo,+ na wɔpɛ sɛ wɔdan Kristo asɛmpa no ani.+ 8 Na sɛ mpo yɛn anaa ɔbɔfo bi fi soro bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo wɔ asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no akyi a, onnue.+ 9 Sɛnea yɛadi kan aka no, mesan ka bio sɛ, obiara a ɔka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo wɔ nea moagye yi akyi+ no, onnue.
10 Ɛnde afei, so nnipa na mepɛ sɛ wɔte me ase anaasɛ Onyankopɔn? Anaasɛ mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani?+ Sɛ meda so sɔ nnipa ani+ a, anka menyɛ Kristo akoa.+ 11 Anuanom, merema moahu sɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no nyɛ nnipa de;+ 12 nea ɛte ne sɛ, mannya no nnipa nkyɛn, na wɔankyerɛ me nso, ɛyɛ Kristo mmom na oyii no adi kyerɛɛ me.+
13 Minim sɛ moate su a na mikura kan no wɔ Yudasom mu,+ sɛ metaa+ Onyankopɔn asafo ma ɛtraa so, pɛe sɛ mesɛe no koraa,+ 14 na midii m’atipɛnfo a wɔwɔ me man mu no mu pii kan wɔ Yudasom mu,+ efisɛ mebɔɔ m’agyanom atetesɛm+ ho mmɔden+ kyɛn so koraa. 15 Nanso bere a Onyankopɔn a oyii me fii me maame yam, na ɔnam n’adom+ so frɛɛ+ me no hui sɛ eye 16 sɛ oyi ne Ba no adi ma me+ na ama maka ne ho asɛmpa akyerɛ amanaman+ no, me ne ɔhonam ne mogya+ antu agyina amonom hɔ ara. 17 Saa ara nso na mankɔ wɔn a wodii me kan sɛ asomafo+ no nkyɛn Yerusalem, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesan baa Damasko+ bio.
18 Afei mfe abiɛsa akyi no, mekɔɔ Yerusalem+ kɔsraa Kefa,+ na metenaa ne nkyɛn nnafua dunum. 19 Na manhu asomafo nkae no mu biara gye Awurade nua+ Yakobo+ nkutoo. 20 Afei ɛdefa nea merekyerɛw mo yi ho no, hwɛ! Onyankopɔn anim no, minni atoro.+
21 Ɛno akyi no, mekɔɔ+ Siria ne Kilikia amantam mu. 22 Nanso na Yudea asafo ahorow a wɔwɔ Kristo mu+ no nhuu m’anim da; 23 nea na wɔtaa te ara ne sɛ: “Onipa a bere bi a atwam no na ɔtaa+ yɛn no, afei de, ɔka gyidi a kan no na ɔko tia+ no ho asɛmpa.” 24 Na me nti wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.+