2 Tesalonikafo
3 Afei anuanom, monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn,+ na Yehowa asɛm+ akɔ so atrɛw ntɛmntɛm,+ na wɔahyɛ no anuonyam, sɛnea ɛte wɔ mo fam nso no; 2 na wɔagye yɛn afi nnipa a wɔn ho yɛ hu ne abɔnefo nsam,+ efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.+ 3 Nanso Awurade yɛ ɔnokwafo, na ɔbɛma moagyina pintinn, na wahwɛ mo so ɔbɔnefo no ho.+ 4 Bio nso, yɛwɔ Awurade mu ahotoso+ wɔ mo ho, sɛ moreyɛ nea yɛhyɛ mo no, na mobɛkɔ so ayɛ.+ 5 Awurade nkɔ so nkyerɛ mo koma kwan nkɔ Onyankopɔn dɔ+ ho ne Kristo ho boasetɔ+ mu.
6 Afei anuanom, yɛhyɛ+ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ montwe mo ho+ mfi onua biara a ɔnenam basabasa+ na onni nsɛm a munya fii yɛn nkyɛn no so no ho.+ 7 Na mo ankasa munim sɛnea ɛsɛ sɛ musuasua yɛn,+ efisɛ yɛanyɛ basabasa wɔ mo mu,+ 8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduan kwa.+ Mmom adwumaden ne ɔbrɛ mu,+ awia ne anadwo, yɛyɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa adesoa kɛse nto mo mu biara so.+ 9 Ɛnyɛ sɛ yenni tumi,+ na mmom ɛno bɛma yɛde yɛn ho ayɛ nhwɛso ama mo na moasuasua yɛn.+ 10 Nokwarem no, bere a yɛwɔ mo nkyɛn no nso, na yɛhyɛ mo+ sɛ: “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, mma onnnidi nso.”+ 11 Na yɛate sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa+ wɔ mo mu a wɔnyɛ adwuma koraa, na mmom wɔde wɔn ho gyigye nsɛm a ɛmfa wɔn ho mu.+ 12 Saa nnipa no, yɛhyɛ wɔn na yetu wɔn fo, Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa nni aduan a wɔn ankasa abrɛ anya.+
13 Anuanom, mo fam no, mommmrɛ papayɛ mu.+ 14 Na sɛ obi antie yɛn asɛm+ a ɛwɔ krataa yi mu a, monhyɛ onii no nsow,+ mo ne no mmmɔ+ na n’ani nwu.+ 15 Nanso mummmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkɔ so ntu no fo+ sɛ onua.
16 Afei asomdwoe Wura no ankasa mma mo asomdwoe daa wɔ akwan nyinaa so.+ Awurade ne mo nyinaa ntena.
17 Me Paulo, me nkyia a mede m’ankasa me nsa+ kyerɛwee a ɛyɛ sɛnkyerɛnne wɔ me krataa biara mu ni; sɛnea mekyerɛw ni.