Yosua
13 Saa bere yi na Yosua mfe akɔ anim na wabɔ akora.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mfe akɔ anim na woabɔ akora, nanso asase a aka a ɛsɛ sɛ wofa no sõ.+ 2 Asase a aka ni:+ Filistifo+ ne Gesurfo+ mpɔtam hɔ nyinaa 3 (wobu Nil fã a ɛda Egypt anim kosi Ekron hye so wɔ atifi fam+ no sɛ Kanaanfo asase);+ Filistifo ahene+ baanum dii nkurow yi so, Gasa,+ Asdod,+ Askelon,+ Gat,+ Ekron,+ ne Awim.+ 4 Anafo fam nso, wobɛfa Kanaanfo asase nyinaa; ne Meara a ɛyɛ Sidonfo+ asase akosi Afek, na ɛbɛkɔ akɔpem Amorifo hye so; 5 ne Gebalfo+ asase ne Lebanon nyinaa wɔ apuei, fi Baal-Gad+ wɔ Bepɔw Hermon ase de kosi Hamat;+ 6 wɔn a wɔtete mmepɔw so nyinaa, fi Lebanon+ kɔ Misrefot-Maim,+ kyerɛ sɛ Sidonfo+ nyinaa. Na m’ankasa metu wɔn afi wɔn asase so ama Israelfo.+ Nanso hwɛ sɛ wode bɛka Israel agyapade ho, sɛnea maka akyerɛ wo no.+ 7 Afei kyɛ asase no ma mmusua akron no ne Manase abusuakuw fã+ no.”
8 Rubenfo ne Gadfo ne abusuakuw no fã a aka no kɔfaa asase a Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no, sɛnea na Yehowa akoa Mose atwa ama wɔn dedaw no,+ 9 fi Aroer+ a ɛwɔ Arnon+ bon ano ne kurow a ɛwɔ bon no mfinimfini ne Medeba+ asase tratraa no so de kosi Dibon;+ 10 ne Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon no nkurow nyinaa, kosi Ammonfo hye so;+ 11 ne Gilead, ne Gesurfo+ ne Maakatfo nsase nyinaa, ne Bepɔw Hermon+ ne Basan+ nyinaa de kosi Saleka;+ 12 ne Og+ a odii ade wɔ Astarot ne Edrei+ no ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa. (Og na na waka wɔ Refaimfo+ no mu.) Na Mose kunkum wɔn faa wɔn asase.+ 13 Israelfo amfa Gesurfo ne Maakatfo nsase;+ mmom Gesurfo+ ne Maakatfo te Israelfo mu besi nnɛ.
14 Lewi abusuakuw no nkutoo na wamma wɔn agyapade.+ Ogya afɔre a wɔbɔ+ ma Israel Nyankopɔn Yehowa no ne wɔn agyapade,+ sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+
15 Afei Mose maa Ruben asefo nyaa wɔn asase, sɛnea wɔn mmusua te. 16 Wɔn asase no fi Aroer+ a ɛwɔ Arnon bon ano ne kurow a ɛwɔ bon no mfinimfini ne Medeba+ asase tratraa no so nyinaa; 17 ne Hesbon+ ne ɛho nkurow+ a ɛwɔ asase tratraa no so nyinaa, Dibon+ ne Bamot-Baal+ ne Bet-Baal-Meon,+ 18 ne Yahas+ ne Kedemot+ ne Mefaat,+ 19 ne Kiriataim+ ne Sibma+ ne Seret-Saha wɔ asasetaw no so bepɔw so, 20 ne Bet-Peor ne Pisga+ bepɔw ase ne Bet-Yesimot,+ 21 ne nkurow a ɛwɔ asase tratraa no so+ ne Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon+ no ahemman nyinaa. Mose kum+ ɔne Midian atitiriw yi nyinaa: Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba.+ Eyinom ne Sihon abirɛmpɔn a na wɔwɔ asase no so. 22 Na Israelfo de nkrante kum Beor+ ba Balaam, nkɔmhyɛni+ no, kaa wɔn a wokunkum wɔn no ho. 23 Ruben asefo hye besi Yordan ho; na asase yi nyinaa bɛyɛɛ Ruben asefo+ mmusua no dea, nkurow no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.
24 Afei Mose maa Gad asefo nyaa wɔn asase, sɛnea wɔn mmusua te.+ 25 Wɔn hye fi Yaser+ ne Gilead+ nyinaa ne Ammonfo+ asase no fã kosi Aroer+ a ɛda Raba+ anim. 26 Afei efi Hesbon+ kɔ Ramat-Mispe ne Betonim, na ɛkɔfa Mahanaim+ kɔ Debir+ hye so. 27 Na asasetaw no fam nso, ɛfa Bet-Haram+ ne Bet-Nimra+ ne Sukot+ ne Safon, Hesbon+ hene Sihon ahemman a aka no, na ɛfa Yordan ho kɔpem Kineret+ po no ano nohoa wɔ Yordan apuei fam. 28 Eyi ne Gad asefo mmusua no asase,+ nkurow no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.
29 Afei Mose maa Manase abusuakuw fã no nyaa wɔn asase, na ɛbɛyɛɛ Manase abusuakuw fã no agyapade, sɛnea wɔn mmusua te.+ 30 Wɔn hye fi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, ne Basan hene Og ahemman nyinaa,+ ne Yair+ nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkurow no yɛ aduosia. 31 Na Gilead asase no fã ne Astarot+ ne Edrei+ nkurow a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kodii Manase ba Makir+ mma nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛnea wɔn mmusua te.
32 Eyi ne asase a Mose de maa wɔn wɔ Moab sare so wɔ Yordan apuei, Yeriko nkyɛn.+
33 Lewi abusuakuw no de, Mose amma wɔn agyapade no bi.+ Israel Nyankopɔn Yehowa ne wɔn agyapade, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+