1 Samuel
29 Filistifo+ no boaboaa wɔn asraafodɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfo nso bɔɔ nsra wɔ nsuaniwa a ɛwɔ Yesreel+ no ho. 2 Na Filistifo ahene+ betwaam, ɔha ha, ne apem apem, na Dawid nso ne ne mmarima kaa Akis+ ho dii akyi betwaam. 3 Ɛnna Filistifo akunini no bisae sɛ: “Na Hebrifo+ yi ɛ?” Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo akunini no sɛ: “Ɛnyɛ Israel hene Saul akoa Dawid a ɔne me atena ha afe anaa mfe abien+ no ni? Efi da a ɔdan baa m’afã de besi nnɛ, minhuu+ adebɔne biara wɔ ne ho.” 4 Ɛnna Filistifo akunini no bo fuw no, na Filistifo akunini no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma ɔbarima no nsan nkɔ,+ ma ɔnsan nkɔ faako a wode ama no no; mma ɔne yɛn nnkɔ ɔko no na wansɔre antia+ yɛn ɔko no mu. Ɛdɛn ade na oyi de benya ne wura anim anuonyam? Ɛnyɛ yɛn mmarima no ti? 5 Ɛnyɛ oyi ne Dawid a wɔde asaw bɔ gyee no so sɛ, ‘Saul akum n’apem, na Dawid akum ne pedu’ no?”+
6 Ɛnna Akis+ frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ woteɛ, na wo nkɔree ne wo mmae+ wɔ dɔm yi mu sɔ m’ani;+ efi da a wobaa ha de besi nnɛ,+ minhuu bɔne bi wɔ wo ho. Nanso ahene+ no ani so de, wunye. 7 Enti, san kɔ asomdwoe mu na woanyɛ adebɔne biara Filistifo ahene no ani so.” 8 Ɛnna Dawid bisaa Akis sɛ: “Adɛn, mayɛ dɛn,+ na dɛn na woahu wɔ w’akoa ho fi da a mebaa w’anim besi nnɛ+ a enti merentumi nkɔ ne me wura ɔhene atamfo nkɔko yi?” 9 Na Akis buaa Dawid sɛ: “Minim sɛ wuye wɔ m’ani so sɛ Onyankopɔn bɔfo.+ Filistifo akunini no na wose, ‘Mma ɔne yɛn nnkɔ ɔko no.’ 10 Enti sɔre anɔpatutuutu, wo ne wo wura nkoa a wo ne wɔn bae no; sɛ mosɔre ahemadakye na anim tetew a, monkɔ.”+
11 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no sɔree ntɛm anɔpa sɛ wɔresan akɔ+ Filistifo asase so, na Filistifo no de, wɔforo kɔɔ Yesreel.+