Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 6:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn,+ nanso me din Yehowa+ no de, mamma wɔamfa anhu me.+

  • Exodus 33:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Ɔde kaa ho sɛ: “Worentumi nhu m’anim, efisɛ onipa biara renhu m’anim nnya nkwa.”+

  • Deuteronomium 6:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 “Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.+

  • Marko 10:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wofrɛ me papa?+ Obiara nyɛ papa gye obiako pɛ, Onyankopɔn.+

  • Yohane 4:24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokware mu.”+

  • Romafo 1:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Na ne su horow a wonhu+ no ada adi pefee fi wiase bɔ so+, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu,+ ɛno ne ne daa tumi+ ne ne Nyamesu,+ enti wonni anoyi biara;+

  • 1 Korintofo 8:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Afei ɛdefa nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi+ ho de, yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ obiako no ara.+

  • 1 Timoteo 1:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 sɛnea anigye+ Nyankopɔn no anuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa+ no te no.

  • 1 Timoteo 2:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Na Onyankopɔn koro+ na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn+ ne nnipa+ ntamgyinafo+ koro, onipa Kristo Yesu+

  • Hebrifo 9:24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 Na ɛnyɛ kronkronbea a wɔde nsa yɛe,+ a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne+ no mu na Kristo hyɛnee, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa+ sɛ afei ɔrekoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.+

  • 1 Yohane 4:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Na yɛn ankasa abehu, na yɛagye ɔdɔ+ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no adi.

      Onyankopɔn ne dɔ,+ na obiara a ɔte ɔdɔ+ mu no ne Onyankopɔn yɛ biako, na Onyankopɔn ne no yɛ biako.+

  • Adiyisɛm 4:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Na honhom abɔde baanan+ no mu biara wɔ ntaban asia;+ aniwa ayɛ wɔn ho nyinaa ne wɔn ntaban ase mpo mã.+ Wɔnhome awia ne anadwo, na wɔka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa+ Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ a na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ+ a ɔreba.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena