Deuteronomium 11:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nanso asase a morekɔfa yi yɛ mmepɔw+ ne abon asase a ɛnom nyankonsu. Yesaia 45:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Ɔsoro, momma ɛnsosɔ,+ momma ɔsoro mununkum nsosɔ trenee.+ Asase mu mmue na ɛnsow nkwagye na emfifi trenee+ bere koro mu. Me Yehowa na mebɔe.”+ Hosea 14:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel.+ Ɔbɛyɛ frɔmm sɛ sukooko na ne ntini atenetene sɛ Lebanon.
8 “Ɔsoro, momma ɛnsosɔ,+ momma ɔsoro mununkum nsosɔ trenee.+ Asase mu mmue na ɛnsow nkwagye na emfifi trenee+ bere koro mu. Me Yehowa na mebɔe.”+