14 W’asefo bɛyɛ sɛ asase so anhwea+ na w’ase bɛtrɛw akɔ baabiara, atɔe ne apuei,+ atifi ne anafo; na asase so mmusua nyinaa nam wo ne w’asefo so benya nhyira.+
13 Kae w’akoa Abraham ne Isak ne Israel a wokaa wɔn ntam+ sɛ, ‘Mɛma mo asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma+ na mede asase a mekyerɛɛ mo no nyinaa bɛma mo asefo,+ na ɛbɛyɛ wɔn agyapade daa’+ no.”