7 Mifi Padan+ reba no, Rahel wu+ too me so wɔ kwan so wɔ Kanaan asase so. Ná baabi a yɛadu no ne Efrata+ ntam twe kakra, enti misiee no Efrata, anaa Betlehem,+ kwan so.”
2 “Na wo, Betlehem Efrata,+ wo a wusua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu,+ wo mu+ na mɛma obi afi abɛyɛ Israel sodifo.+ Ɔno na n’ase fi tete a enni ano.+