1 Samuel 24:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Woteɛ sen me,+ efisɛ papa na woayɛ me,+ na me na mayɛ wo bɔne. Hiob 33:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɔbɛto dwom akyerɛ nkurɔfo sɛ,‘Mayɛ bɔne;+ na nea ɛteɛ no, makyea no.Anyɛ adepa amma me. Mmebusɛm 11:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Teefo trenee na ebegye wɔn,+ na amumɔyɛfo akɔnnɔde mu na wɔbɛkyere wɔn.+