Genesis 7:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Afei ɔhonam a ɛwɔ asase so nyinaa wuwui,+ ntuboa, nyɛmmoa, wuram mmoa ne mmoa a wɔnenam asase so manyamanya ne nnipa nyinaa.+ Ɔsɛnkafo 3:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Hena na onim sɛ ebia nnipa mma honhom foro kɔ soro, na aboa honhom sian kɔ asase ase?+ Asomafo Nnwuma 17:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Nokwarem no, Onyankopɔn buu n’ani guu mmere a na wonnim hwee no so,+ nanso afei ɔreka akyerɛ adesamma a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ obiara nsakra.+ 1 Korintofo 15:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Ɔhonam nyinaa nyɛ honam koro, na mmom ɛsono adesamma de na ɛsono ntɔteboa de, ɛsono nnomaa de na ɛsono mpataa+ de.
21 Afei ɔhonam a ɛwɔ asase so nyinaa wuwui,+ ntuboa, nyɛmmoa, wuram mmoa ne mmoa a wɔnenam asase so manyamanya ne nnipa nyinaa.+
30 Nokwarem no, Onyankopɔn buu n’ani guu mmere a na wonnim hwee no so,+ nanso afei ɔreka akyerɛ adesamma a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ obiara nsakra.+
39 Ɔhonam nyinaa nyɛ honam koro, na mmom ɛsono adesamma de na ɛsono ntɔteboa de, ɛsono nnomaa de na ɛsono mpataa+ de.