Genesis 47:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na Yosef maa ne papa, ne nuanom, ne ne papa fiefo nyinaa aduan,+ sɛnea wɔn mma dodow te.+ Mmebusɛm 3:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn,+ bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.+ Asomafo Nnwuma 7:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Enti Yosef soma ma wɔkɔfaa ne papa Yakob ne n’abusuafo nyinaa fii hɔ bae,+ akra a wɔn dodow si aduɔson anum.+
14 Enti Yosef soma ma wɔkɔfaa ne papa Yakob ne n’abusuafo nyinaa fii hɔ bae,+ akra a wɔn dodow si aduɔson anum.+