Genesis 15:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nanso mebu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na wɔde agyapade bebree befi hɔ akɔ.+ Genesis 26:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Tena asase yi so sɛ ɔhɔho,+ na mɛka wo ho na mehyira wo, na mede nsase yi nyinaa bɛma wo ne w’asefo,+ na mɛma ntam a mekaa wo papa Abraham no aba mu,+ Deuteronomium 31:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa di w’anim. Ɔka wo ho,+ ɔrempo wo, na ɔrennyaw wo. Enti nsuro na mmɔ hu.”+
3 Tena asase yi so sɛ ɔhɔho,+ na mɛka wo ho na mehyira wo, na mede nsase yi nyinaa bɛma wo ne w’asefo,+ na mɛma ntam a mekaa wo papa Abraham no aba mu,+