Mateo 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛn nso de afiri wɔn a wɔde yɛn aka no.+ Mateo 18:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Saa ara+ na mo nso sɛ moamfi mo komam amfa amfiri mo nuanom a, me soro Agya ne mo bedi.”+ Luka 17:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Momma mo ani mmra mo ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim,+ na sɛ onu ne ho a fa firi no.+ Efesofo 4:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Mmom no, mo ne mo ho nni wɔ ayamye+ ne ayamhyehye+ so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo+ koraa no.
32 Mmom no, mo ne mo ho nni wɔ ayamye+ ne ayamhyehye+ so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo+ koraa no.