Genesis 1:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Akra+ a ɛte ase nhyɛ nsu mu mã na ntuboa nso ntu mfa asase so wɔ wim.”+ Genesis 2:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na Yehowa Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoa nyinaa ne wim ntuboa nyinaa, na ɔde wɔn brɛɛ onipa no sɛ ɔnhwɛ ntoto wɔn nyinaa din, na edin biara a onipa no de frɛɛ ɔkra a ɛte ase biara+ no, ɛno ara na ɛbɛyɛɛ ne din.+ Genesis 6:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Fa ntuboa, sɛnea wɔn su te, ne nyɛmmoa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so, sɛnea wɔn su te,+ ebiara abien abien, ka wo ho na wonnya nkwa.+
19 Na Yehowa Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoa nyinaa ne wim ntuboa nyinaa, na ɔde wɔn brɛɛ onipa no sɛ ɔnhwɛ ntoto wɔn nyinaa din, na edin biara a onipa no de frɛɛ ɔkra a ɛte ase biara+ no, ɛno ara na ɛbɛyɛɛ ne din.+
20 Fa ntuboa, sɛnea wɔn su te, ne nyɛmmoa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so, sɛnea wɔn su te,+ ebiara abien abien, ka wo ho na wonnya nkwa.+