Genesis 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Mmoa a wɔn ho tew nyinaa, fa ason ason, anini ne abere;+ na mmoa a wɔn ho ntew no fa abien abien pɛ, onini ne ɔbere; Leviticus 20:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Momma nsonsonoe nna mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam, ne nnomaa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam.+ Na mommfa mmoa anaa nnomaa anaa biribiara a ɛwea fam a mayi asi hɔ sɛ wɔn ho ntew no nngu mo kra ho fĩ.+ Deuteronomium 14:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mmoa a mubetumi awe ni:+ nantwi, oguan, ne abirekyi,
2 Mmoa a wɔn ho tew nyinaa, fa ason ason, anini ne abere;+ na mmoa a wɔn ho ntew no fa abien abien pɛ, onini ne ɔbere;
25 Momma nsonsonoe nna mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam, ne nnomaa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam.+ Na mommfa mmoa anaa nnomaa anaa biribiara a ɛwea fam a mayi asi hɔ sɛ wɔn ho ntew no nngu mo kra ho fĩ.+