Genesis 7:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 wɔne wuram mmoa nyinaa, sɛnea wɔn su te;+ ne nyɛmmoa nyinaa, sɛnea wɔn su te; ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te;+ ne ntuboa nyinaa, sɛnea wɔn su te;+ ne nnomaa ne ntakraboa nyinaa.+ Leviticus 11:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 ne ɔkom ne ɔsansa,+ ne wɔn a wɔn su te saa, Deuteronomium 14:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 ne ɔkompete ne ɔkom+ ne ɔsansa, ne wɔn a wɔn su te saa; 1 Korintofo 15:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Ɔhonam nyinaa nyɛ honam koro, na mmom ɛsono adesamma de na ɛsono ntɔteboa de, ɛsono nnomaa de na ɛsono mpataa+ de.
14 wɔne wuram mmoa nyinaa, sɛnea wɔn su te;+ ne nyɛmmoa nyinaa, sɛnea wɔn su te; ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te;+ ne ntuboa nyinaa, sɛnea wɔn su te;+ ne nnomaa ne ntakraboa nyinaa.+
39 Ɔhonam nyinaa nyɛ honam koro, na mmom ɛsono adesamma de na ɛsono ntɔteboa de, ɛsono nnomaa de na ɛsono mpataa+ de.