Genesis 18:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti ɔtoaa so sɛ: “Mɛsan aba wo nkyɛn saa bere yi afe sesɛɛ, na ebedu hɔ no na wo yere Sara anya ɔbabarima.”+ Na ɔrekasa nyinaa na Sara wɔ ntamadan no ano wɔ ɔbarima no akyi retie. Romafo 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Efisɛ bɔhyɛ asɛm no kae sɛ: “Mɛsan aba bio saa bere yi na Sara anya ɔbabarima.”+
10 Enti ɔtoaa so sɛ: “Mɛsan aba wo nkyɛn saa bere yi afe sesɛɛ, na ebedu hɔ no na wo yere Sara anya ɔbabarima.”+ Na ɔrekasa nyinaa na Sara wɔ ntamadan no ano wɔ ɔbarima no akyi retie.