26 Afei ɔka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Montwe mo ho mfi nnipa abɔnefo yi ntamadan ho, na mommfa mo nsa nnka wɔn biribiara+ na wɔampra mo anka wɔn bɔne ho ankɔ.”
6 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Kenifo+ sɛ: “Monkɔ,+ mumfi ha mfi Amalekfo mu nkɔ, na mampra mo amfra wɔn. Mo de, moyɛɛ Israelfo nyinaa adɔe+ bere a wofi Egypt reba no.”+ Enti Kenifo no fii Amalekfo mu kɔe.