1 Samuel 16:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ,+ efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa,+ na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”+ Mmebusɛm 21:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ n’ani so,+ nanso Yehowa na ɔkari koma.+ Yeremia 17:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ koma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛnea n’akwan+ ne ne nneyɛe te.+
7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ,+ efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa,+ na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”+
10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ koma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛnea n’akwan+ ne ne nneyɛe te.+