10 mahu sɛ w’adɔe ne wo nokwaredi a woayi adi akyerɛ me no mfata me,+ efisɛ bere a meretwa Yordan no, poma pɛ na na ekura me, nanso mprempren mabɛyɛ akuw abien.+
29 Afei na aka kakra ma Israel awu.+ Na ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,+ na wo ne me nni no adɔe so ne nokware mu.+ (Mesrɛ wo, nsie me Egypt.)+
14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mubewu de, anka yɛde yɛn kra betwa so!+ Na sɛ moammɔ asɛm yi so na Yehowa de asase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛyɛ mo adɔe na yɛadi mo nokware.”+