2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ ɔba kronkronbea+ hɔ wɔ ntwamutam+ no akyi wɔ Adaka no mmuaso no anim na wanwu,+ efisɛ meyi me ho adi wɔ omununkum+ mu wɔ mmuaso+ no so.
7 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ nyɛ mo asɔfodwuma no pɛpɛɛpɛ, afɔremuka no ne nea ɛwɔ ntwamutam+ no akyi no ho biribiara. Na monsom+ wɔ hɔ. Mede asɔfodi adwuma no ama mo sɛ akyɛde, na onipahunu a ɔbɛbɛn ho no, wonkum no.”+