Exodus 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, Israelfo no mpo antie me,+ na ɛbɛyɛ dɛn na Farao atie me+ a wontwaa m’ano twetia+ yi?” Numeri 12:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ná Mose yɛ ɔbarima a odwo+ sen obiara wɔ asase so. Yeremia 1:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, minnim kasa,+ na meyɛ abofra.”+ Asomafo Nnwuma 7:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Enti wɔkyerɛɛ Mose Egyptfo nyansa+ nyinaa. Nokwarem no, na ɔwɔ tumi wɔ ne kasa+ ne nnwuma mu. 2 Korintofo 11:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nanso sɛ me ho nkokwawee kasa mu mpo a,+ mente saa wɔ nimdeɛ mu;+ mmom no, yɛfaa ɔkwan biara so daa no adi kyerɛɛ mo biribiara mu.+
12 Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, Israelfo no mpo antie me,+ na ɛbɛyɛ dɛn na Farao atie me+ a wontwaa m’ano twetia+ yi?”
6 Nanso sɛ me ho nkokwawee kasa mu mpo a,+ mente saa wɔ nimdeɛ mu;+ mmom no, yɛfaa ɔkwan biara so daa no adi kyerɛɛ mo biribiara mu.+