10 Ma ɔman no mpirim wɔn koma+ na wonsen wɔn aso.+ Na ka wɔn ani fomfam so na wɔamfa wɔn aniwa anhu ade, na wɔamfa wɔn aso nso ante asɛm, na wɔn koma ante ase na wɔansakra annya ayaresa.”+
11 Afei hwɛ! Yehowa nsa wɔ wo so, na w’ani befura, a wunhu owia hann kosi bere bi.” Mpofirim ara n’ani so yɛɛ no kusuu na esum duruu no, na okyin hwehwɛɛ nnipa a wobeso ne nsa akyerɛ no kwan.+