40 Ɛbɛyɛɛ nkae ade maa Israelfo sɛ ɛnsɛ sɛ onipahunu biara+ a omfi Aaron abusua mu hyew aduhuam wɔ Yehowa anim.+ Afei nso na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne ne bagua no,+ sɛnea Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
28 Mepaw no fii Israel mmusuakuw nyinaa mu+ sɛ onni me sɔfo na ɔmforo m’afɔremuka+ na ɔmma ɔhyew afɔre wusiw ne ne hua mforo nkɔ soro, na ɔnhyɛ asɔfotade m’anim, na me nso mede nea Israelfo de bɔ afɔre ogya so nyinaa bɛma wo nana fiefo.+
13 Amram mma ne Aaron+ ne Mose.+ Nanso woyii Aaron sii hɔ+ sɛ ɔne ne mma ntew Kronkron mu Kronkronbea+ no ho daa, na wɔmmɔ afɔre+ Yehowa anim, na wɔnsom no,+ mfa ne din nhyira+ nkosi daa.