7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mede asase+ yi bɛma w’asefo.”+ Ɛno akyi no osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.
3 Tena asase yi so sɛ ɔhɔho,+ na mɛka wo ho na mehyira wo, na mede nsase yi nyinaa bɛma wo ne w’asefo,+ na mɛma ntam a mekaa wo papa Abraham no aba mu,+
9 Gyidi nti ɔkɔtenaa bɔhyɛ asase no so yɛɛ ɔhɔho te sɛ nea ɔte ananafo asase so,+ na ɔne Isak+ ne Yakob+ a wɔn nyinaa yɛ bɔhyɛ koro no ara+ adedifo no tenaa ntamadan+ mu;